Psalms 14

Nnipa amumɔyɛ

1Nkwaseafo ka wɔ wɔn koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔn nyinaa yɛ atorofo na wɔayɛ bɔne akɛseakɛse; na wɔn mu baako mpo nyɛ papa.
2 Awurade wɔ soro hwɛ adasamma mu sɛ obehu onyansafo a ɔsom no wɔ wɔn mu anaa.
3Nanso wɔn nyinaa afom; wɔn nyinaa bɔne yɛ pɛ.
Wɔn mu baako mpo nyɛ nea ɛteɛ; ɔbaako mpo nni hɔ.
4 Awurade bisa se, “Enti wonnim?
Saa nnebɔneyɛfo yi kyerɛ sɛ wonnim nea wɔreyɛ?
Wɔbɔ me nkurɔfo korɔn na wɔtena ase nanso wɔmfɛre me.”
5Nanso wɔbɛbɔ wɔn hu efisɛ,
Onyankopɔn te wɔn a wotie no mu.
6Nnebɔneyɛfo sɛe ɔhobrɛasefo nhyehyɛe, nanso Awurade ne ne guankɔbea.
7Mebɔ mpae sɛ, nkonim befi Sion aba Israel.
Awurade bɛsan agye Israel bio a, anka wɔn ani begye yiye.
Copyright information for TwiNAK